Joe Mettle – Se Fre No mp3

Download mp3

Play Audio

Se Fre No Lyrics – Joe Mettle

Onua ei-eh, Nyame nnyae wo o
Oh, uh, oh, yeah
Oh

La-ba-va-da-pa-da
Oh

Onua ei, Nyame nnyae wo o
Wosu frɛ no a, Ɔbɛgye wo so
Onua ei-eh (onua ei)
(Nyame nnyae wo) Nyame nnyae wo o
(Sɛ wo bɔ mu a, Ɔbɛbue wo)

Sɛ ɔbaatan werɛ bɛfiri ne mma mpo a
Nyame yɛ ɔbaatanpa, ne werɛ mfiri wo da o
Sɛ ɔsoro nomaa mpo kɔ aduane di, na sɛ wannya aduane a
Nyame a ɔyɛ ɔbaatan pa no, ɔma wɔn ano aduane
Waka wɔ n’asɛm mu sɛ, “yɛnsu mfrɛ no da hia da mu”
Na ɔbɛgye yɛn so, na waka nsɛm kɛseɛ a ahinta
Na ɔde akyerɛ yɛn o, onua ei

enti kɔ, kɔ
Kɔso ara (enti kɔ kɔ kɔso ara)
Enti kɔso na gye no di
Na ɔbɛhyɛ ne ho animuonyam o, uh-oh

Nyame nnyae wo o (wosu frɛ no a, Ɔbɛgye wo so)
Onua ei, yeah (onua ei, Nyame nnyae wo o)
Nyame nnyae wo o (sɛ wo bɔ mu a) oh
Oh (ɔbɛbue) yeah (wo) yeah

Onua tie, Nyame werɛ mfirii wo
Ɔnnyaa wo
Kɔsoa ara na fa wo ho to ne so
Na mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔbɛhyɛ ne ho animuonyam
Tie!

Wɔn a wɔde wɔn ho to, Agya Onyankopɔn so
Ade nyinaa di boa wɔn na ɛwie wɔn yie
Yie, yie, yie-yeah, hey
Ma Awurade mmɛtena w’akoma mu
Na ɔnfa ade nyinaa nomum, na ɔbɛdzi ama wo
Ɔhao no a ɛda wo so no, ɛso sene Nyame anaa?
Ɛso sene Awurade anaa? Fa kɔ n’anim
Na sɛ wayɛ ama me a, wo nso, ɔbɛtumi ayɛ ama wo
Enti gye no di, yeah-yeah-yeah-yeah-yeah-yeah

bisa no
(Gye no di) gye (na ɔbɛyɛ) no di (ama wo) na ɔbɛyɛ ama wo o
Oh (wayɛ ama me) uh, yeah (wayɛ ama yɛn) yeah (ɔbɛyɛ ama wo)

fa wo ho nyinaa to Nyame so
(Gye) na (no di) ɔrenni wo (na ɔbɛyɛ ama) wo hwanmɔ
Ɔnni wo hwanmɔ da o (wayɛ ama me, wayɛ ama yɛn, ɔbɛyɛ ama wo)
La-la-la-la-la

onua ei
(Nyame nnyae wo o) Nyame nnyae wo o
(Wosu frɛ no a) su frɛ no o (ɔbɛgye wo so)
Ɔse su frɛ me dahia da mu na mɛgye wo so o
(Onua ei) me nua ei (Nyame ngyae wo o)
(Sɛ wo bɔ mu a, ɔbɛbue wo)

Keep on (onua ei) praying, keep on calling (Nyame nnyae wo o)
He will answer (wosu frɛ), he never sleeps (no a) nor slumber
(Ɔbɛgye) he will hear (wo so) your prayer
Kɔ so ara na frɛ wo Nyame no o
(Onua ei) efiri sɛ ɔntɔ nko
(Nyame ngyae wo) na ɔnna dabiara da
Ɔbɛgye wo so o (sɛ wo bɔ mu a) oh (ɔbɛbue) oh (wo)

One, two, three, ah

God bless you

Joe Mettle – Se Fre No

By admin

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *